Categories
Yoɛl

Yoɛl Nnianimu

Nnianimu

Yoɛl Nwoma yi da no adi sɛ Israel akyirisane ne nnebɔne enti, amanehunu bɛba. Awurade ɛda a ɔbɛbu wɔn a wɔntene ne asoɔdenfoɔ atɛn no bɛba. Awurade ɔtemmufoɔ no bɛhwɛ biribiara mu na watenetene deɛ akontono.

Kɔkɔbɔ yi akyiri no, anidasoɔ wɔ hɔ. Onyankopɔn frɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene, wɔmmra ne nkyɛn na wɔnyɛ ɔsetie mma no na ɛno akyi no ne bɔhyɛ no (

2.28

) bɛba mu.

Emu Nsɛm

Ɛda a ntutummɛ no bɛba (

1.1–2.27

)

Ɛda a Awurade bɛba (

2.28–3.21

)

Categories
Yoɛl

Yoɛl 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.

Ɛda A Ntutummɛ No Bɛba

2 Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ;

montie, mo a mote asase no so nyinaa.

Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so

anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?

3 Monka nkyerɛ mo mma,

na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma

na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4 Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no

ntutummɛ akɛseɛ no awe

deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no

ntutummɛ nkumaa no awe

deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no

ntutummɛ afoforɔ awe.

5 Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!

Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;

montwa adwo ɛfiri sɛ nsã foforɔ no

wɔayi afiri mo ano.

6 Ɔman bi atu mʼasase so sa

ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn;

wɔn se te sɛ gyata se

na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.

7 Wɔasɛe me bobe

ne me borɔdɔma nnua.

Wawaawae nnua no ho bona,

ato agu

agya ne mman a ayɛ fitaa hɔ.

8 Di awerɛhoɔ sɛ ababaawa a ɔfira ayitoma

na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.

9 Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ,

wɔayi afiri Awurade efie.

Asɔfoɔ no retwa adwoɔ,

wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.

10 Mfuo asɛe,

asase no so awo wesee

aduane no asɛe

nsã foforɔ no awe

ngo nyinaa asa.

11 Mo ani nwu, mo akuafoɔ,

mo ntwa adwo, mo a modua bobe;

Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ,

ɛfiri sɛ otwaberɛ no asɛe.

12 Bobe no akusa

na borɔdɔma nnua no awuwu.

Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne

nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye.

Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa wɔ no

atu ayera.

13 Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ;

mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo.

Momfira ayitoma mmɛsiri pɛ

mo a mosom Onyankopɔn anim;

ɛfiri sɛ aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no

ɛto atwa wɔ Onyankopɔn efie.

14 Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro;

momfrɛ nhyiamu kronkron.

Monfrɛ mpanimfoɔ

ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa

mmra Awurade mo Onyankopɔn efie

na wɔmmesu mfrɛ Awurade.

15 Ɛda no aba!

Awurade ɛda no abɛn;

Ɛbɛba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ.

16 Yɛnnhunuu sɛ aduane ho ayɛ na,

sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa

wɔ yɛn Onyankopɔn efie anaa?

17 Aba no wu wɔ asase wesee mu,

adekoradan abubu,

aburopata nso ho nni mfasoɔ,

ɛfiri sɛ nnuane no ahye.

18 Sɛdeɛ anantwie su!

Na anantwikuo kyinkyini kwa.

Nnwankuo mpo rebrɛ

ɛfiri sɛ wɔnni adidibea.

19 Awurade, wo na mesu frɛ wo,

ɛfiri sɛ ogya ahye ɛserɛ so adidibea

na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.

20 Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.

Nsuwansuwa awewe,

na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/JOL/1-4d5e9e182d9371e43651fb532b881d39.mp3?version_id=2094—

Categories
Yoɛl

Yoɛl 2

Ntutummɛ Dɔm

1 Hyɛn totorobɛnto no wɔ Sion;

hyɛn abɛn no wɔ me bepɔ kronkron no so.

Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,

ɛfiri sɛ Awurade ɛda no reba,

na abɛn koraa.

2 Esum ne kusukuukuu ɛda.

Omununkum ne esum kabii ɛda.

Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ wɔ mmepɔ so no,

saa ara na asraadɔm a wɔ dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ.

Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da,

na wɔrenhunu ne sɛso nso da.

3 Egya rehye wɔ wɔn anim,

ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi,

asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,

deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam,

biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so.

4 Wɔte sɛ apɔnkɔ.

Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm.

5 Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam

na wɔtu fa mmepɔ atifi,

wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ,

wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa.

6 Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;

na wɔn anim to hoa.

7 Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ;

wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔ

na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,

na wɔmmane benkum anaa nifa.

8 Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu;

obiara nante kɔ nʼanim tee.

Wɔbu fa banbɔeɛ so,

na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

9 Wɔto hyɛ kuropɔn no so

wɔtu mmirika fa afasuo no so

wɔforo kɔ afie mu,

wɔfa mpoma mu te sɛ akorɔmfoɔ.

10 Asase woso wɔ wɔn anim,

na ɔsoro hinhim.

Owia ne ɔsrane duru sum,

na nsoromma nnhyerɛn bio.

11 Awurade bobom

de di nʼasraadɔm no anim.

Nʼakodɔm no dɔɔso bebree,

ahoɔdenfoɔ ne wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so.

Awurade ɛda no yɛ kɛseɛ na ɛyɛ hu;

hwan na ɔbɛtumi agyina ano?

Ahonu

12 “Na afei,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,

“Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn,

wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.”

13 Sunsuane wʼakoma

na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu.

Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn,

ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ.

Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so,

na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.

14 Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ

na wagya nhyira,

a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ

a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no.

15 Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion!

Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro,

momfrɛ nhyiamu kronkron.

16 Mommoaboa nnipa no ano

monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;

mommoaboa mpanimfoɔ,

mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano

Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra.

17 Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no,

nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam;

na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn.

Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ

anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu.

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ,

‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ”

Awurade Mmuaeɛ

18 Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho

na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ.

19 Awurade bɛbua sɛ,

“Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo,

a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn.

Merenyɛ mo ahohoradeɛ

mma aman no bio.

20 “Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,

mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ.

Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu,

na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu.

Na afunu no bɛbɔn

na nka no bɛtu.”

Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ.

21 Monnsuro, me nkurɔfoɔ!

Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho.

Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ.

22 Monnsuro, mo wiram mmoa!

Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm.

Nnua no reso wɔn aba;

borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba.

23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma,

Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu,

ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo,

ne nokorɛdie enti.

Watɔ nsuo bebree ama mo

wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no.

24 Aduane bɛyɛ ayuporobea hɔ ma

nsã foforɔ ne ngo bɛbu so wɔ kyi amena mu.

25 “Mɛhyɛ mo anan mu,

deɛ mohwereeɛ

mfeɛ dodoɔ a ntutummɛ bɛsɛee mo nneɛma,

ntutummɛ akɛseɛ ne nkumaa,

ne wɔn a aka no nyinaa,

me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.

26 Wobɛdidi amee,

na wobɛyi Awurade wo Onyankopɔn din ayɛ.

Ɔno na wayɛ anwanwadeɛ ama wo;

me nkurɔfoɔ ani renwu bio.

27 Afei, wobɛhunu sɛ, mewɔ Israel,

wobɛhunu sɛ mene Awurade, wo Onyankopɔn,

na obiara nni hɔ sɛ me;

Me nkurɔfoɔ ani renwu bio da.”

Awurade Ɛda

28 “Na akyire yi,

mɛhwie me honhom agu nnipa nyinaa so,

mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm,

mo nkɔkoraa bɛsoso adaeɛ,

mo mmeranteɛ bɛnya anisoadehunu.

29 Saa mmerɛ no mu no,

mɛhwie me Honhom agu

mʼasomfoɔ so, mmarima ne mmaa.

30 Mɛyɛ anwanwadeɛ wɔ ɔsoro ne asase so,

mede mogya, ogya ne wisie kumɔnn.

31 Ansa na Awurade ɛda kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.

32 Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,

wɔbɛgye no nkwa.

Ɛfiri sɛ nkwagyeɛ bɛba

ama wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu

a Awurade afrɛ wɔn

wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem nyinaa,”

sɛdeɛ Awurade aka no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/JOL/2-5ac83259f8bd28435edc2b0a4f1daffd.mp3?version_id=2094—

Categories
Yoɛl

Yoɛl 3

Aman No Atemmuo

1 “Saa nna no mu,

mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba.

2 Mɛboa aman nyinaa ano,

na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu.

Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn

wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho,

ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so,

na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.

3 Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto,

Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman.

Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã,

a wɔbɛnom.

4 “Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.

5 Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu.

6 Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.

7 “Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka.

8 Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa.

9 Mo mpae mu nka yei wɔ aman so:

Monsiesie mo ho mma ɔko!

Monkanyane akodɔm!

Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.

10 Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena,

na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea.

Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ,

“mewɔ ahoɔden!”

11 Monyɛ ntɛm mmra,

mo amanaman a moatwa ahyia,

mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ.

Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!

12 “Wɔnkanyane aman no;

wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu,

ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena

na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.

13 Monhwim kantankrankyi no,

ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so.

Mommra, montiatia bobe no so,

ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma

na ankorɛ no ayɛ ma abu so.

Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!”

14 Nipadɔm, nipadɔm

wɔ gyinasie subɔnhwa no mu!

Awurade ɛda no abɛn

wɔ gyinasie subɔnhwa no mu.

15 Owia ne ɔsrane bɛduru sum,

na nsoromma renhyerɛn bio.

16 Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion,

ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem,

asase ne ɔsoro bɛwoso.

Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ,

ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.

Onyankopɔn Nkurɔfoɔ Nhyira

17 “Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn,

mete Sion, me bepɔ kronkron so.

Yerusalem bɛyɛ kronkron;

na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.

18 “Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu,

na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so;

Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu,

na asutire bɛtue afiri Awurade efie,

na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.

19 Nanso Misraim bɛdane amanfo,

na Edom nso bɛyɛ anweatam,

ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti.

Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.

20 Nnipa bɛtena Yuda afebɔɔ

na Yerusalem deɛ wɔbɛtena hɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

21 Na mogya afɔdie a memfa nkyɛeɛ no,

mede bɛkyɛ.

Na me Awurade, mɛtena Sion!”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/JOL/3-7fbe5d502848a2d3995073450d53ad37.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm Nnianimu

Nnianimu

Mmɛbusɛm nwoma no yɛ Ɔhene Salomo nkyerɛkyerɛ a ɛkura abrabɔ su ne honhom mu nokwasɛm a wɔatwerɛ no wɔ kasabɛbuo ne mmɛ mu ama Onyankopɔn nkurɔfoɔ.

Nsɛm no mu fa kɛseɛ no ara fa daa daa asetena mu adeyɛ nsɛm ho. Ebi ne ayɔnkofa a ɛwɔ abusua mu, edwadie, ahohyɛsoɔ, ntoboaseɛ, obuo, ahonya ne ohia, ɔbrakyew ne nyansa. Nwoma no kae yɛn sɛ, sɛ wopɛ sɛ wonya nhunumu a, di ɛkan fa obuo ne anidie ma Awurade.

Emu Nsɛm

Deɛ wɔde kamfo nyansa (

1.1–9.18

)

Salomo Mmɛbusɛm (

10.1–29.27

)

Nsɛm a Agur kaeɛ (

30.1-33

)

Kasammɛbuo ahodoɔ (

31.1-31

)

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 1

Botaeɛ Ne Nsɛmpɔ

1 Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmɛbusɛm nie:

2 Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;

ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;

3 sɛ wɔbɛnya ahohyɛsoɔ na wɔabɔ ɔbra pa,

a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, deɛ ɛtene na ɛho nni asɛm;

4 sɛ ɛbɛma deɛ nʼadwene mu nnɔ anya nyansa

na mmabunu anya nimdeɛ ne adwene.

5 Anyansafoɔ ntie na wɔmfa nka deɛ wɔnim ho,

na deɛ ɔwɔ nhunumu nya akwankyerɛ a

6 ɛbɛma woate mmɛ ne akasabɛbuo,

anyansafoɔ nsɛnka ne aborɔme ase.

7 Awurade suro yɛ nimdeɛ ahyɛaseɛ,

na nkwaseafoɔ bu nyansa ne ahohyɛsoɔ animtiaa.

Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ

8 Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ

na mpo wo maame nkyerɛkyerɛ.

9 Ɛbɛyɛ wo tiri animuonyam abotire

ne wo kɔn mu ntweaban.

10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ daadaa wo a,

mma wɔn ho ɛkwan.

11 Sɛ wɔka sɛ, “Bra ma yɛnkɔ;

ma yɛnkɔtetɛ na yɛnkum obi,

ma yɛnkɔtɛ ntwɛn mmɔborɔni bi;

12 ma yɛmmemmene wɔn anikann sɛ ɛda,

yɛmmene wɔn sɛ wɔn a wɔkɔ damena mu;

13 yɛbɛnya nneɛma a ɛsom bo ahodoɔ

na yɛde afodeɛ ahyɛ yɛn afie ma;

14 enti, fa wo ho bɛhyɛ mu,

na wobɛnya wo kyɛfa wɔ ahonyadeɛ no mu” a,

15 Me ba, wo ne wɔn nnante,

mfa wo nan nsi wɔn akwan so;

16 Wɔn nan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu,

na wɔde ahoɔherɛ ka mogya gu.

17 Ɛho nni mfasoɔ sɛ obi bɛsum nnomaafidie

wɔ ɛberɛ a nnomaa nyinaa hwɛ!

18 Saa nnipa yi tetɛ pɛ wɔn ankasa mogya;

wɔtetɛ wɔn ankasa wɔn ho!

19 Saa na wɔn a wɔdi korɔnodeɛ akyi no awieeɛ teɛ;

ɛma wɔhwere wɔn nkwa!

Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ

20 Nyansa team wɔ mmɔntene so,

ɔma ne nne so wɔ adwaberem,

21 ɔteaam wɔ afasuo no atifi,

ɔkasa wɔ kuropɔn no apono ano sɛ,

22 “Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn?

Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn?

Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?

23 Sɛ motiee mʼaninka a,

anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo

maa mo hunuu me nsusuiɛ.

24 Nanso, sɛ moyii mo aso ɛberɛ a mefrɛɛ mo

na amfa obiara ho ɛberɛ a metenee me nsa mu,

25 sɛ mopoo mʼafotuo,

na moampɛ mʼanimka enti,

26 me nso mɛsere mo wɔ mo amanehunu mu;

sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, medi mo ho fɛw,

27 sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,

na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa,

na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,

28 “Afei mobɛfrɛ me, nanso meremmua mo;

mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me.

29 Esiane sɛ wɔkyirii nimdeɛ

na wɔampɛ sɛ wobɛsuro Awurade.

30 Esiane sɛ w ɔpoo mʼafotuo,

na wɔbuu me ntenesoɔ animtiaa enti,

31 wɔbɛdi wɔn akwan so aba

na wɔn nhyehyɛeɛ mu aduane bɛmee wɔn.

32 Na ntetekwaafoɔ asoɔden bɛkum wɔn,

na nkwaseafoɔ tirimudɛ bɛsɛe wɔn;

33 Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu

na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/1-62654a646f799a1c5efb1aeb9cf63b8c.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 2

Nyansa Ho Mfasoɔ Wɔ Abrabɔ Mu

1 Me ba, sɛ wotie me nsɛm,

na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,

2 sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa

na wode wʼakoma ma nteaseɛ,

3 na woma wo nne so frɛ nhunumu

na wosu frɛ nteaseɛ,

4 na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛ

na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,

5 ɛno na wobɛte Awurade suro ase

na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

6 Awurade ma nimdeɛ,

na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.

7 Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ,

ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

8 ɔwɛn deɛ ɔtene akwan,

na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.

9 Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ

ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.

10 Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu,

na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.

11 Adwene bɛbɔ wo ho ban

na nteaseɛ ahwɛ wo so.

12 Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu,

ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,

13 na wɔmane firi akwan pa so

kɔnante esum akwan so,

14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,

na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,

15 wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye

na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu.

16 Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam,

afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,

17 deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu

na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.

18 Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu

na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn.

19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma

anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

20 Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi

na woanante ateneneefoɔ akwan so.

21 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so,

na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;

22 na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so,

na wɔatɔre atorofoɔ ase.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/2-4287d898e2a2525ba8a7fc5183726e95.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 3

Nyansa Ho Mfasoɔ Nkekaho

1 Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ,

kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree

na ɛde yiedie abrɛ wo.

3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn

fa yane wo kɔn mu

twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.

4 Na wobɛnya adom ne din pa

wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

5 Fa wʼakoma nyinaa to Awurade so

na mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;

6 hunu no wʼakwan nyinaa mu,

na ɔbɛtene wʼakwan.

7 Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ

suro Awurade na kyiri bɔne.

8 Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua

na ayɛ aduane ama wo nnompe.

9 Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam,

ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;

10 na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,

na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so

11 Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,

na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba,

12 Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.

13 Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa,

onipa a ɔnya nteaseɛ,

14 ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ,

na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ.

15 Ne boɔ yɛ dene sene bota;

na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.

16 Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;

ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

17 Nʼakwan yɛ ahomeka,

na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.

18 Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu;

wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira.

19 Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,

na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.

20 Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu,

na omununkum nso tɔɔ bosuo.

21 Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie,

na mma ɛmfiri wʼani so;

22 ɛbɛyɛ nkwa ama wo,

ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam.

23 Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,

na wo nan rensunti;

24 sɛ woda a worensuro;

sɛ woda a wʼani bɛkum.

25 Nsuro mpofirim amanehunu

anaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so,

26 Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛm

na ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu.

27 Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,

ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.

28 Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ:

“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”

wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no.

29 Mpam ɔhaw mma wo yɔnko

ɛberɛ a ɔne wo te yie.

30 Mfa ɛso nto obi so kwa

ɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.

31 Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ,

na mfa nʼakwan no mu biara,

32 ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔ

na ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu.

33 Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so,

na ɔhyira ɔteneneeni fie.

34 Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ

na ɔdom ahobrɛasefoɔ.

35 Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi,

nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/3-78ebdffc77efc5479706fe439d200dd9.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 4

Nyansa Boro Biribiara So

1 Me mma, montie me, montie agya nkyerɛkyerɛ;

monyɛ aso na moanya nteaseɛ.

2 Mema mo adenim a ɛkɔ anim,

enti monnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.

3 Meyɛ ɔbabanin wɔ mʼagya fie,

meda so yɛ abadomaa na me maame di me bakorɔ no,

4 ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ,

“Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm

di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.

5 Nya nyansa, nya nteaseɛ;

mma wo werɛ mfiri me nsɛm anaa ntwe wo ho mfiri ho.

6 Nnya nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban;

dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.

7 Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa.

Ɛwom sɛ ne boɔ te sɛ wʼahodeɛ nyinaa deɛ nanso nya nteaseɛ.

8 Di no nni na ɛbɛpagya wo;

yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo animuonyam.

9 Ɔde nkonimdie nhwiren hankra bɛgu wo tiri so

na wama wo ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.”

10 Me ba, tie na fa deɛ meka no,

na wo nkwanna bɛyɛ bebree.

11 Mɛkyerɛ wo nyansakwan

na mede wo afa akwan a ɛtene so.

12 Sɛ wonante a, wʼanammɔntuo bɛkɔ yɛɛ

na sɛ wotu mmirika a, worensunti.

13 Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu

bɔ ho ban yie, ɛfiri sɛ ɛyɛ wo nkwa.

14 Ntu wo nan nsi amumuyɛfoɔ kwan so

na nnante abɔnefoɔ kwan so.

15 Kwati no, ntu kwan mfa so;

dane firi so na kɔ wo baabi.

16 Ɛfiri sɛ wɔntumi nna kɔsi sɛ wɔbɛyɛ bɔne;

na wɔntɔ nko kɔsi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.

17 Amumuyɛsɛm yɛ wɔn aduane,

na basabasayɛ yɛ wɔn nsa.

18 Teneneefoɔ kwan te sɛ adekyeɛ hann a ɛdi ɛkan,

ɛkɔ so hyerɛn yie kɔduru awia ketee.

19 Nanso, amumuyɛfoɔ kwan te sɛ esum kabii;

wɔnnim deɛ ɛma wɔsunti.

20 Me ba, yɛ aso ma deɛ meka;

tie me nsɛm no yie.

21 Mma ɛmfiri wʼani so,

fa sie wʼakoma mu;

22 ɛfiri sɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wɔhunu

ne akwahosan ma onipadua no nyinaa.

23 Ne nyinaa akyi, bɔ wʼakoma ho ban,

ɛfiri sɛ, ɛno ne wo nkwa asutire.

24 Mma akontonkyesɛm mfiri wʼano;

mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.

25 Hwɛ wʼanim tee,

na ma wʼani nkɔ deɛ ɛwɔ wʼanim no so.

26 Bɔ ɛkwan tamaa ma wo nan

na fa akwan a atim so.

27 Mmane mfa nifa anaa benkum;

twe wo nan firi bɔne ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/4-5f47c34e574403e0478c4d5492933617.mp3?version_id=2094—

Categories
Mmɛbusɛm

Mmɛbusɛm 5

Adwamammɔ Ho Kɔkɔbɔ

1 Me ba, yɛ aso ma me nyansa;

tie me nhunumu nsɛm no yie,

2 sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie,

na wʼano akora nimdeɛ.

3 Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,

na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;

4 nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,

ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.

5 Ne nan kɔ owuo mu;

nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee.

6 Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;

nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

7 Enti, afei, me mma, montie me;

Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.

8 Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa so

mommmɛn ne fie ɛpono ano,

9 anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔ

na mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

10 anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛ

na mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.

11 Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinie

ɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.

12 Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ!

Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!

13 Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔ

na mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.

14 Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoa

wɔ asafo no nyinaa mu.”

15 Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu,

nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.

16 Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene so

na wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?

17 Ma ɛnyɛ wo nko ara dea,

a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.

18 Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.

19 Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.

Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daa

na ne dɔ nkyekyere wo.

20 Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo?

Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?

21 Awurade hunu onipa akwan nyinaa,

na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

22 Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie;

na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.

23 Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti,

na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/PRO/5-2eb55bba2135833bf510a6e2d24cf828.mp3?version_id=2094—